2 Chronicles 34:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin gyinaa mu. Na Yerusalemfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no apam no teɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin gyinaa mu. Na Yerusalemfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no apam no teɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin nyinaa gyinaa mu. Na Yerusalemfo no yɛe sɛnea Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no, apam no te no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no se, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no mu.