2 Chronicles 35:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire yi, Lewifoɔ yɛɛ wɔn ne asɔfoɔ no aduane, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ no ayɛ adwuma firi anɔpa kɔsi anadwo a wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔrehye sradeɛ no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifoɔ no na wɔgye too wɔn ho so yɛeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei akyiri no, wɔsiesiee wɔn deɛ ne asɔfoɔ no deɛ, ɛfiri sɛ asɔfoɔ, Aaron mma no wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ne sradeɛ no hyeɛ ho ara de kɔsii adesaeɛ. Enti Lewifoɔ no siesiee wɔn ara wɔn deɛ ne asɔfoɔ, Aaron mma no deɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei akyiri no, wɔsiesiee wɔn deɛ ne asɔfoɔ no deɛ, ɛfiri sɛ asɔfoɔ, Aaron mma no wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ne sradeɛ no hyeɛ ho ara de kɔsii adesaeɛ. Enti Lewifoɔ no siesiee wɔn ara wɔn deɛ ne asɔfoɔ, Aaron mma no deɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛyɛe no, wosiesiee wɔn de, ne asɔfo no de, efisɛ asɔfo, Aaron mma no, wɔ ɔhyew afɔre no bɔ ne srade no hyew ho ara de kosii adesae. Enti Lewifo no siesiee wɔn ankasa de ne asɔfo, Aaron mma no, de.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no, Lewifo yɛɛ wɔn ne asɔfo no aduan, efisɛ na asɔfo no ayɛ adwuma fi anɔpa kosi anadwo a wɔrebɔ ɔhyew afɔre no na wɔrehyew srade no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifo no na wogye too wɔn ho so yɛe.