2 Chronicles 35:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asaf asefoɔ nnwom ho nimdefoɔ no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunumuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponoanohwɛfoɔ no wɛnee apono no a na ɛho nhia sɛ wɔfiri wɔn nnwuma so, ɛfiri sɛ, na wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no de wɔn nnuane kɔma wɔn wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nnwontofoɔ, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunufoɔ no hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no wɔ ɛpono ne ɛpono ho: Na ɛnhia sɛ wɔgya wɔn som, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ siesie maa wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nnwontofoɔ, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunufoɔ no hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no wɔ ɛpono ne ɛpono ho: Na ɛnhia sɛ wɔgya wɔn som, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ siesie maa wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nnwontofo, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛ Dawid ne Asaf ne Heman ne Yedutun, ɔhene adehufo no, hyɛe no, na aponanohwɛfo no wɔ ɔpon ne ɔpon ho: Enni sɛ wogyaw wɔn som, na wɔn nuanom Lewifo siesiei maa wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asaf asefo nnwom ho nimdefo no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛnea Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponanohwɛfo no wɛn apon no a na ɛho nhia sɛ wofi wɔn nnwuma so, efisɛ na wɔn mfɛfo Lewifo no de wɔn nnuan kɔma wɔn wɔ hɔ.