2 Chronicles 35:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, wɔnnii Twam Afahyɛ sei da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam Afahyɛ sɛdeɛ Yosia yɛeɛ a ɔmaa asɔfoɔ, Lewifoɔ, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛfiri Odiyifoɔ Samuel berɛ soɔ no, na wɔnnii Twam bi sɛ yei wɔ Israel, na Israel ahemfo nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia, asɔfoɔ, Lewifoɔ, Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfoɔ diiɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛfiri Odiyifoɔ Samuel berɛ soɔ no, na wɔnnii Twam bi sɛ yei wɔ Israel, na Israel ahemfo nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia, asɔfoɔ, Lewifoɔ, Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfoɔ diiɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na efi odiyifo Samuel bere so wonnii Twam bi sɛ eyi Israel, na Israel ahene nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia ne asɔfo ne Lewifo ne Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfo dii no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efi odiyifo Samuel bere so no, wonnii Twam sɛɛ da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam sɛnea Yosia yɛe a ɔmaa asɔfo, Lewifo, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wofi Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho.