2 Chronicles 35:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yosia siesiee Asɔredan no wieeɛ no, Misraimhene Neko dii nʼakodɔm anim firii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asuo Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakodɔm nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom nyinaa akyiri a Yosia asiesie efie no, Misraimhene Neko foro bae, na ɔbɛdii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia firii adi kɔhyiaa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom nyinaa akyiri a Yosia asiesie efie no, Misraimhene Neko foro bae, na ɔbɛdii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia firii adi kɔhyiaa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom nyinaa akyi a Yosia asiesie ofi no, Misraim hene Neko foro bae, na obedii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia fii adi kohyiaa no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yosia siesiee Asɔredan no wiei no, Misraimhene Neko dii nʼakofo anim fii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asu Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakofo nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko.