2 Chronicles 35:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Lewifoɔ ntuanofoɔ Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifoɔ nnwammaa ne mmirekyie mma mpem enum ne anantwinini ahanum sɛ wɔn Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Konania nso ne ne nuanom Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifoɔ asafohene no yii Twam nnwan mpemnum ne anantwie ahanum maa Lewifoɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Konania nso ne ne nuanom Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifoɔ asafohene no yii Twam nnwan mpemnum ne anantwie ahanum maa Lewifoɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Konania, Semaia ne Netanel, ne nuanom, ne Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifo asafohene no, yii Twam nguan mpemnum ne anantwi ahanum maa Lewifo no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Lewifo ntuanofo Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifo nguantenmma ne mmirekyimma mpem anum ne anantwinini ahannum sɛ wɔn Twam afɔrebɔde.