2 Chronicles 36:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔfefɛw bere wɔ afe no mu dui no, ɔhene Nebukadnesar soma bɛfaa no kɔɔ Babel, na AWURADE fi agyapade no nso ɔsoaa ne nyinaa kɔe, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afe a edi kan wɔ ɔsram a edi kan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademude bebree fii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa bere no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ onni hene wɔ Yuda ne Yerusalem.