2 Chronicles 36:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso ɔtew ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam no anim atua. Na osen ne kɔn na opirim ne koma sɛ ɔrensan mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua wɔ bere a na waka ntam adi nsew wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, obedi no nokware. Na Sedekia yɛ kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Nyankopɔn ho.