2 Chronicles 36:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas sɛ ɔdeduani de no kɔɔ Misraim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Misraimhene no de ne nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdanee ne din yɛɛ no Yehoiakim; na ne nua Yehoahas deɛ, Neko faa no kɔɔ Misraim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Misraimhene no de ne nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdanee ne din yɛɛ no Yehoiakim; na ne nua Yehoahas deɛ, Neko faa no kɔɔ Misraim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Misraim hene no de Yehoahas nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdan ne din Yehoiakim. Na ne nua Yehoahas de, Neko faa no kɔɔ Misraim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforo ma odii Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas dommum de no kɔɔ Misraim.