2 Chronicles 36:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne n’akyiwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne deɛ wɔhunuu no ne ho no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. Na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne n’akyiwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne deɛ wɔhunuu no ne ho no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. Na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yehoiakim ho nsɛm nkae ne n’akyide a ɔyɛe ne nea wohui ne ho no, hwɛ, wɔakyerɛw no Israel ne Yuda ahene nhoma no mu. Na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae, bɔne ahorow a ɔyɛe ne biribiara a wohu tiaa no no, wɔkyerɛw guu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bedii nʼade sɛ ɔhene.