2 Chronicles 4:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔyɛɛ asɔfo abangua ne ban mu adiwo kɛse no, na ɔde apon sisii adiwo no ano, na ɔde kɔbere duraa apon no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Salomo sii adiwo maa asɔfo no, san sii adiwo kɛse bi wɔ Asɔredan no mfikyiri. Ɔyɛɛ apon totoo adiwo akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafrae duraa ho.