2 Chronicles 6:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛdeɛ nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔkaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔkaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔkae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɔɔ mpae se, “ Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wotie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛde nyinaa.