2 Chronicles 6:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
‘Ɛfiri da a meyii me nkurɔfoɔ firii Misraim no, menyii kuropɔn biara mfirii Israel mmusuakuo no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔsi Asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Ɛnna nso, menyii ɔhene biara sɛ ɔnni me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim asase so baeɛ yi, menyii Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro biara, sɛ wɔnsi dan na me din ntena hɔ, nanso menyii ɔbarima biara, sɛ ɔnni me man Israel so panin,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim asase so baeɛ yi, menyii Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro biara, sɛ wɔnsi dan na me din ntena hɔ, nanso menyii ɔbarima biara, sɛ ɔnni me man Israel so panin,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efi da a mikoyii me man Israel fii Misraim asase so bae yi, minyii Israel mmusuakuw nyinaa mu kurow bi, sɛ wonsi dan na me din ntena hɔ, nanso minyii ɔbarima bi, sɛ onni me man Israel so panyin,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
‘Efi da a miyii me nkurɔfo fii Misraim no, minyii kuropɔn biara mfii Israel mmusuakuw no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wosi Asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Ɛnna nso, minyii ɔhene biara sɛ onni me nkurɔfo Israelfo anim.