2 Chronicles 7:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn so no, brɛ wɔn ho ase, na wɔbɔ mpae, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsan fi wɔn kwammɔne no so a, me nso mefi soro matie, na mede wɔn bɔne makyɛ, na masa wɔn asase no yare.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare.