2 Chronicles 7:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mmuaeɛ bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, ne nkurɔfoɔ poo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim, kɔsomm anyame foforɔ. Ɛno enti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde mmusuo yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde mmusuo yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wɔakosuso anyame foforo mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde bɔne yi nyinaa aba wɔn so yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mmuae bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ ne nkurɔfo poo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim, kɔsom anyame foforo. Ɛno nti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ”