2 Chronicles 8:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babaa firii Dawid kuro mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu. Ɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfie, ɛfiri sɛ, na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Farao babaa no deɛ, Salomo de no firii Dawid kuro no mu baa efie a wasi ama no no mu, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Me yere nntena Israelhene Dawid fie, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Farao babaa no deɛ, Salomo de no firii Dawid kuro no mu baa efie a wasi ama no no mu, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Me yere nntena Israelhene Dawid fie, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Farao babea no de, Solomon de no fii Dawid kurow no mu baa ofi a wasi ama no no mu, efisɛ ɔkae sɛ: Me yere nntena Israel hene Dawid fi, efisɛ nea AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babea fii Dawid kurow mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu. Ɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfi, efisɛ na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”