2 Chronicles 8:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanimfoɔ hwɛ so, na emu adwumayɛfoɔ yɛ wɔn a wɔnim adwuma yie. Salomo nkurɔfoɔ ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔno 17 brɛɛ Salomo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wɔnim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Salomo nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛseɛ ahanan aduonum firi hɔ de brɛɛ Ɔhene Salomo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wɔnim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Salomo nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛseɛ ahanan aduonum firi hɔ de brɛɛ Ɔhene Salomo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wonim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Solomon nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛse ahanan aduonum fi hɔ de brɛɛ ɔhene Solomon.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanyimfo hwɛ so; na emu adwumayɛfo no nim adwuma yiye. Salomo nkurɔfo ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔn dunson brɛɛ Salomo.