2 Chronicles 8:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ yi, ɔsane kyekyeree Baalat ne mmeammea a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, sane kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeammea bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa nʼakoma tɔɔ ne yam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne Baalat ne adekora nkuro a Salomo wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkuro nyinaa ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne deɛ Salomo pɛɛ sɛ ɔkyekyeree no Yerusalem ne Lebanon ne n’ahennie asase no nyinaa so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne Baalat ne adekora nkuro a Salomo wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkuro nyinaa ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne deɛ Salomo pɛɛ sɛ ɔkyekyeree no Yerusalem ne Lebanon ne n’ahennie asase no nyinaa so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne Baalat ne adekora nkurow a Solomon wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkurow nyinaa ne apɔnkɔsotefo nkurow ne ade a Solomon pɛe sɛ ɔkyekye wɔ Yerusalem ne Lebanon ne n’ahenni asase no nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa ara na ɔsan kyekyeree Baalat ne mmeaemmeae a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, san kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeaemmeae bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa ne koma tɔɔ ne yam.