2 Chronicles 9:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Biribiara a Seba Ɔhemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛsom bo pa ara, na ɛboro deɛ ɔhemmaa de brɛɛ noɔ no so. Afei, ɔhemmaa no ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn ankasa asase so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no n’adeɛ a ɔpɛ a ɔbisaeɛ no nyinaa, ɛsono deɛ ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sane sii mu kɔɔ n’asase soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no n’adeɛ a ɔpɛ a ɔbisaeɛ no nyinaa, ɛsono deɛ ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sane sii mu kɔɔ n’asase soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Solomon maa Seba hemmaa no n’ade a ɔpɛ a obisae no nyinaa, ɛsono nea ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sanee siim kɔɔ n’asase so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Biribiara a Seba hemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara, na ɛboro nea ɔhemmea de brɛɛ no no so. Afei, ɔhemmea no ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn ankasa asase so.