2 Chronicles 9:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sika a ɔnya firi adwadifoɔ nkyɛn no nka yei ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ, ne deɛ abatafoɔ de ba. Na Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Salomo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ, ne deɛ abatafoɔ de ba. Na Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Salomo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛsono nea efi aguadifo hɔ ne nea abatafo de ba. Na Arabia ahene nyinaa ne asase no so amradofo no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Solomon.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sika a onya fi aguadifo nkyɛn no nka eyi ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofo a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ.