2 Chronicles 9:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mannye anni kɔsii sɛ mʼankasa mebaa ha, de mʼani kann bɛhunuiɛ. Nokorɛm, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mannye wɔn nsɛm no manni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani mabɛhunu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa mpo, wosene wo ho nsɛm a meteeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mannye wɔn nsɛm no manni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani mabɛhunu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa mpo, wosene wo ho nsɛm a meteeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mannye wɔn nsɛm no manni de besii sɛ mebae na mede m’aniwa mabehu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa po, wosen nka a metee no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mannye anni kosii sɛ mʼankasa mebaa ha de mʼani kann abehu. Nokware, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa.