2 Corinthians 10:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Menim yie sɛ me bo bɛtumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka sɛ ewiase adwene na yɛde di dwuma no no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoɔduro a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛmu bɛsi me bo makyerɛ wɔ ebinom a wɔbu yɛn sɛ yɛnam honam fam no soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoɔduro a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛmu bɛsi me bo makyerɛ wɔ ebinom a wɔbu yɛn sɛ yɛnam honam fam no soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoduru a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛm besi me bo makyerɛ ebinom a wobu yɛn sɛ yɛnam ɔhonam fam no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ meba hɔ a monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye sɛ metumi anya akokoduru wɔ nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no ho.