2 Corinthians 11:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɛeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ n’asomafoɔ nso dane wɔn ho yɛ sɛ tenenee asomfoɔ a, ɛnyɛ ade nwanwa biara; na ɛbɛwie wɔn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ n’asomafoɔ nso dane wɔn ho yɛ sɛ tenenee asomfoɔ a, ɛnyɛ ade nwanwa biara; na ɛbɛwie wɔn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade a ɛyɛ nwonwa biara; na ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nʼasomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ.