2 Corinthians 11:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akrɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Anaasɛ mayɛ bɔne, sɛ mebrɛɛ me ho ase maa wɔmaa mo soɔ, sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Anaasɛ mayɛ bɔne, sɛ mebrɛɛ me ho ase maa wɔmaa mo soɔ, sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Anaasɛ mayɛ bɔne sɛ mebrɛɛ me ho ase ma wɔmma mo so, sɛ mekaa mo Onyankopɔn asɛmpa no kwa no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akrɔn. So bɔne a meyɛɛ ne sɛ meyɛɛ saa ana?