2 Corinthians 12:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ, nokorɛ ara na meka. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri sɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahunu na wate afiri me nkyɛn no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ kwasea, na mɛka nokorɛ; nanso mama no aka, na obi ammu me ankyɛne deɛ ɔhu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte firi m’anomu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ kwasea, na mɛka nokorɛ; nanso mama no aka, na obi ammu me ankyɛne deɛ ɔhu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte firi m’anomu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho po a, anka merenyɛ ɔkwasea, na mɛka nokware; nanso mema ɛka, na obi ammu me ankyɛn nea ohu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte fi m’anom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ nokware ara na meka. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no.