2 Corinthians 13:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ sɛ nnipa bɛhunu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Sɛ mpo sɛ wɔhunu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wɔbɛhu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ deɛ ɛyɛ fɛ, na yɛn deɛ yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wɔbɛhu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ deɛ ɛyɛ fɛ, na yɛn deɛ yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso yebɔ Nyankopɔn mpae sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wobehu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ nea ɛyɛ fɛ, na yɛn de yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ sɛ nnipa behu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Mpo sɛ wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim.