2 Corinthians 5:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔwu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte aseɛ no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no maa wɔn no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔwu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte aseɛ no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no maa wɔn no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owui na wonyan no maa wɔn no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Owu maa yɛn nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no.