2 Corinthians 6:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ, “Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se, “Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.”