2 Corinthians 7:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwom sɛ metwerɛɛ saa krataa no deɛ, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne enti na metwerɛeɛ. Metwerɛ bɛkyerɛɛ mo mu sɛdeɛ Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ metwerɛɛ mo a, na ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ bɔne no ntira, nso ɛnyɛ deɛ wɔyɛɛ no bɔne no ntira, na mmom sɛdeɛ nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ metwerɛɛ mo a, na ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ bɔne no ntira, nso ɛnyɛ deɛ wɔyɛɛ no bɔne no ntira, na mmom sɛdeɛ nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ mekyerɛw mo a, na ɛnyɛ nea ɔyɛɛ bɔne no nti, nso ɛnyɛ nea wɔyɛɛ no bɔne no nti, na mmom sɛnea nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwɔ mu sɛ mekyerɛw saa krataa no de, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne nti na mekyerɛwee. Na mmom sɛnea mo ankasa mubehu ɔkwan a moafa so atu mo ho asi hɔ ama yɛn wɔ Onyankopɔn anim no.