2 Corinthians 7:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mpo yɛduruu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw wɔ hɔ baabiara. Na akasakasa wɔ wɔn ntam. Afei, na ehu wɔ yɛn akoma mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ɔhome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mpo yeduu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw abunkam hɔnom, akasakasa wɔ wɔn ntam na ehu ahyɛ yɛn so.