2 Corinthians 7:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ me krataa a metwerɛɛ mo no hyɛɛ mo awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me ya sɛ metwerɛeɛ. Ahyɛaseɛ no ɛhaa me nanso seesei deɛ ɛnha me. Menim sɛ krataa no mu nsɛm hoo mo werɛ ɛberɛ tiawa bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ mede me krataa no maa mo werɛ hoo mpo a, (mennu me ho); na sɛ menuu me ho nso a, na mehunu sɛ krataa no, sɛ ɛyɛ dɔnhwereɛ pɛ mpo a, ɛhoo mo werɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ mede me krataa no maa mo werɛ hoo mpo a, (mennu me ho); na sɛ menuu me ho nso a, na mehunu sɛ krataa no, sɛ ɛyɛ dɔnhwereɛ pɛ mpo a, ɛhoo mo werɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ mede me nhoma no mehow mo werɛ mpo a, (minnu me ho); na sɛ minuu me ho nso a, na mihu sɛ nhoma no, sɛ ɛyɛ dɔnhwerew pɛ po a, ɛhow mo werɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ me krataa a mekyerɛw mo no hyɛɛ mo awerɛhow a, ɛnyɛ me yaw sɛ mekyerɛwee. Mfiase no ɛhaw me nanso mprempren de, ɛnhaw me. Minim sɛ krataa no mu nsɛm how mo werɛ bere tiaa bi.