2 Corinthians 8:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ wɔ nnoɔma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛmu a ɔwɔ no mo mu nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ wɔ nnoɔma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛmu a ɔwɔ no mo mu nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfo wɔ nneɛma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛm a ɔwɔ mu no nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti yɛresoma onipa foforo bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow bebree so na yɛahu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na mprempren ne ho pere no sɛ ɔbɛboa efisɛ wanya mo mu ahotoso.