2 John 1:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba onipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ mabrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire metwerɛ. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ mabrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire metwerɛ. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mewɔ nsɛm pii a anka mɛkyerɛw mabrɛ mo de, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubiri mekyerɛw. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigye awie pɛyɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mewɔ nsɛm pii kyerɛw brɛ mo, nanso mempɛ sɛ mɛfa krataa ne kyerɛwduru so aka. Mmom, mɛba abɛsra mo na me ne mo abɛkasa na ama yɛn anigye awie pɛyɛ.