2 Kings 1:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Ahasia wuiɛ sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ enti, ne nuabarima Yoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedie mfeɛ mmienu mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔwui, sɛ AWURADE asɛm a Elia kaeɛ no teɛ. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yudahene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛtɔ so mmienu so, ɛfiri sɛ na ɔnni ɔbabarima.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔwui, sɛ AWURADE asɛm a Elia kaeɛ no teɛ. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yudahene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛtɔ so mmienu so, ɛfiri sɛ na ɔnni ɔbabarima.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na owui, sɛnea AWURADE maa Elia kae no. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yuda hene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛto so abien so, efisɛ onni ba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Ahasia wui sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a obedi nʼade nti, ne nuabarima Yoram na odii nʼade sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedi mfe abien mu.