2 Kings 1:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ, “Kɔ na kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa?’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ: Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ yi anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ: Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ yi anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kohyia Samaria hene abɔfo no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: So Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia se, “Kɔ na kohyia Samariahene abɔfo no, na bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana?’