2 Kings 1:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbuaa sɛ, “Ɔbarima bi bɛhyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsane nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde firi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Aso onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Yei nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Enti onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Yei nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro behyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Enti mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wobuae se, “Ɔbarima bi behyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn se yɛnsan nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde fi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ”