2 Kings 1:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsomaa asraafoɔ so safohene ne asraafoɔ aduonum sɛ wɔnkɔkye no. Wɔhunuu sɛ ɔte bepɔ bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsomaa aduonum so safohene ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔforo kɔɔ Elia nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔ no atifi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa, ɔhene se: Siane bra.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsomaa aduonum so safohene ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔforo kɔɔ Elia nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔ no atifi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa, ɔhene se: Siane bra.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene somaa aduonum so safohene ne n’aduonum kɔɔ Elia nkyɛn; na wɔforo kɔɔ odiyifo no nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔw no atifi. Na ɔsafohene no ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ: Onyankopɔn nipa, ɔhene se: Sian bra.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsomaa asraafo so safohene ne asraafo aduonum sɛ wɔnkɔkyere no. Wohuu sɛ ɔte bepɔw bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”