2 Kings 10:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehu kaa sɛ, “Afei, wo ne me nkɔ, na hunu sɛdeɛ mede me ho ama Awurade no.” Enti, Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkaa sɛ: Ɛne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkaa sɛ: Ɛne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkae sɛ: Wo ne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔma ɔtenaa ne teaseɛnam no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehu kae se, “Afei, wo ne me nkɔ, na hu sɛnea mede me ho ama Awurade no.” Enti Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔe.