2 Kings 10:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fie, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompeepee mu nhunu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fie, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompeepee mu nhunu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fi, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompɛɛpɛe mu nhu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.”