2 Kings 10:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ ne akunini no sɛ: Monkɔ nkɔkunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na awɛmfoɔ ne akunini no de nkrantɛ ano kunkumm wɔn totoo wɔn gui.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ ne akunini no sɛ: Monkɔ nkɔkunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na awɛmfoɔ ne akunini no de nkrantɛ ano kunkumm wɔn totoo wɔn gui.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na owiee ɔhyew afɔre no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfo ne akunini no sɛ: Monkɔ nkokunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na ammirikatufo ne akunini no de nkrante kunkum wɔn totow wɔn gui.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yehu wiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, “Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!” Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu.