2 Kings 10:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.” Na Samaria ntuanofoɔ bi na wɔhwɛ ɔhene mmammarima aduɔson no so a wɔatete wɔn firi wɔn mmɔfraase pɛɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn nwoma a ɛtɔ so mmienu sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobɛtie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no tiri mmra me nkyɛn ɔkyena sɛsɛɛ wɔ Yesreel. Nso na ɔhene mma no yɛ mmarima aduɔson; kuro no mu nnipa akɛseɛ no nkyɛn na wɔyɛnee wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn nwoma a ɛtɔ so mmienu sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobɛtie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no tiri mmra me nkyɛn ɔkyena sɛsɛɛ wɔ Yesreel. Nso na ɔhene mma no yɛ mmarima aduɔson; kuro no mu nnipa akɛseɛ no nkyɛn na wɔyɛnee wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔkyerɛw wɔn nhoma a ɛto so abien sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobetie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no, ti mmra me nkyɛn ɔkyena sesɛɛ Yesreel. Nso ɔhene mma no si mmarima aduɔsn; kurow no mu nnipa akɛse no nkyɛn na wɔyɛn wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me wɔ Yesreel.” Na Samaria ntuanofo bi na wɔhwɛ ɔhene mmabarima aduɔson no so a wɔatetew wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ.