2 Kings 11:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na asahene, Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ, awɛmfoɔ no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfoɔ no ɛpono no ano, kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahennwa no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔfaa asafohene ne Karifoɔ ne awɛmfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ nyinaa, na wɔde ɔhene no firii AWURADE fie siane bɛfaa awɛmfoɔ pono ano kwan so baa ahemfie, na ɔtenaa ahennwa no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔfaa asafohene ne Karifoɔ ne awɛmfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ nyinaa, na wɔde ɔhene no firii AWURADE fie siane bɛfaa awɛmfoɔ pono ano kwan so baa ahemfie, na ɔtenaa ahennwa no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔfaa ɔha ha so safohene ne Karifo ne awɛmfo ne asase no so nkurɔfo nyinaa, na wɔde ɔhene no fii AWURADE fi san bɛfaa ammirikatufo pon ano kwan so baa ɔhene fi, na ɔtenaa ahengua no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na asahene, Karifo asraafo apaafo, awɛmfo no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfo no pon no ano, kɔɔ ahemfi hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahengua no so.