2 Kings 11:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no firii ɔhene no mma a anka wɔrebɛkunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne bagyegyefoɔ kɔhintaa pia bi mu, sɛdeɛ Atalia renhunu no. Ɛno enti, wɔannya abɔfra no ankum no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Yoram babaa Yehoseba, Ahasia nuabaa, faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu de no ne ne ɔbagyegyefoɔ kɔɔ pia mu, na ɔde no hunta firii Atalia anim na wɔanku no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Yoram babaa Yehoseba, Ahasia nuabaa, faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu de no ne ne bagyegyefoɔ kɔɔ pia mu, na ɔde no hunta firii Atalia anim na wɔanku no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Yoram babea Yehoseba, Ahasia ne nuabea, faa Ahasia ba Yoas na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu de no ne ne gyigyefo kɔɔ pia mu, na wɔde no hintaw fii Atalia anim na wɔankum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Ahasia nuabea Yehoseba a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no fii ɔhene no mma a anka wɔrebekunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne gyigyefo kohintaw pia bi mu, sɛnea Atalia renhu no. Ɛno nti, wɔannya abofra no ankum no.