2 Kings 11:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Atalia adedie mfeɛ nson mu no, ɔsɔfoɔ Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ ne awɛmfoɔ baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma maa wɔkɔfaa Karifoɔ ne awɛmfoɔ no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fie, na ɔne wɔn pamee, na ɔmaa wɔkekaa ntam AWURADE fie, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma maa wɔkɔfaa Karifoɔ ne awɛmfoɔ no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fie, na ɔne wɔn pamee, na ɔmaa wɔkekaa ntam AWURADE fie, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada soma kɔfaa Karifo ne ammirikatufo no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fi, na ɔne wɔn pamee, na ɔma wɔkekaa ntam AWURADE fi, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Atalia adedi mfe ason mu no, ɔsɔfo Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifo asraafo apaafo ne awɛmfo baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛe, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wobedi nokware wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.