2 Kings 11:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafoɔ a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfoɔ Yehoiada anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asafohene no yɛɛ sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa, na wɔfaa wɔn nnipa a wɔba adwuma homeda ne wɔn a wɔmma homeda no, na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asafohene no yɛɛ sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa, na wɔfaa wɔn nnipa a wɔba adwuma homeda ne wɔn a wɔmma homeda no, na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asafohene no yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa, na wɔfofaa wɔn nnipa a wɔbaa wɔn dibea so homeda ne wɔn a wofii mu homeda no, na wɔbaa ɔsɔfo Yehoiada nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafo a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfo Yehoiada anim.