2 Kings 12:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotokuo mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene atwerɛfoɔ ne ɔsɔfoɔ panin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔhu no AWURADE fie no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene atwerɛfoɔ ne ɔsɔfoɔ panin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔhu no AWURADE fie no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ wohu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene kyerɛwfo ne ɔsɔfo panyin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wohu AWURADE fi no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotoku mu.