2 Kings 12:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ yi, Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat faeɛ. Afei, ɔdanee ne ho kɔto hyɛɛ Yerusalem so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛbere no mu na Siria hene Hasael foro bae ne Gat bɛkoe, na odii nkunim; na Hasael de n’ani kyerɛe sɛ ɔreforo aba Yerusalem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no ntam ara na Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat, na ɔfaa ɔman no. Afei, ɔdan ne ho kɔtow hyɛɛ Yerusalem so.