2 Kings 12:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awudifoɔ no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufoɔ nokwafoɔ. Wɔsiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene foforɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad bɔɔ no na ɔwui; na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu; na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad bɔɔ no na ɔwui; na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu; na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yosabad bɔɔ no na owui; na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Amasia bedii n’ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awudifo no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufo nokwafo. Wosiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na odii nʼade sɛ ɔhene foforo.