2 Kings 13:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛeɛ no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; emu na ɔnanteeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; emu na ɔnanteeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; ɛno ara na ɔyɛe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no ho.