2 Kings 13:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na Elisa yare ne yadeɛ a ɔde wuiɛ no. Na Israelhene Yoas siane baa ne nkyɛn bɛsuu n’anim, na ɔkaa sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na Elisa yare ne yadeɛ a ɔde wuiɛ no. Na Israelhene Yoas siane baa ne nkyɛn bɛsuu n’anim, na ɔkaa sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso na Elisa yare ne yare a ɔde wui no. Na Israel hene Yoas san baa ne nkyɛn besui n’anim, na ɔkae sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!”